Millat al-Islam

Chapter 44 · 59 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Ad-Dukhan' in Twi

Arabic with tafsir Listen to Surah Ad-Dukhan' (1216 reciters)
Meccanسورة الدخان59 verses

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

حمٓ ١Haa – Miim وَٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ ٢Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ فِي لَيۡلَةٍ مُّبَٰرَكَةٍۚ إِنَّا كُنَّا مُنذِرِينَ ٣Nokorε, Ye’sianee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Y’εbͻ (nnipa) kͻkͻ فِيهَا يُفۡرَقُ كُلُّ أَمۡرٍ حَكِيمٍ ٤(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mmu biara ho ntotoeε أَمۡرًا مِّنۡ عِندِنَآۚ إِنَّا كُنَّا مُرۡسِلِينَ ٥Ahyεdeε a efiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yε’soma Asomafoͻ رَحۡمَةً مِّن رَّبِّكَۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ ٦(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ ٧Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ رَبُّكُمۡ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ ٨Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Okum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no بَلۡ هُمۡ فِي شَكٍّ يَلۡعَبُونَ ٩Aane, wͻn adwen nnsi wͻn pi, εna wͻ’redi agorͻ فَٱرۡتَقِبۡ يَوۡمَ تَأۡتِي ٱلسَّمَآءُ بِدُخَانٍ مُّبِينٍ ١٠Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no يَغۡشَى ٱلنَّاسَۖ هَٰذَا عَذَابٌ أَلِيمٌ ١١Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Woi yε asotwee a εyε ya paa رَّبَّنَا ٱكۡشِفۡ عَنَّا ٱلۡعَذَابَ إِنَّا مُؤۡمِنُونَ ١٢Ye‘Wura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yε’yε agyidiefoͻ أَنَّىٰ لَهُمُ ٱلذِّكۡرَىٰ وَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٌ مُّبِينٌ ١٣Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee ثُمَّ تَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ وَقَالُواْ مُعَلَّمٌ مَّجۡنُونٌ ١٤Nanso wͻ’dane wͻn ho firi ne ho, na wͻ’ka sε: obi na ͻkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ إِنَّا كَاشِفُواْ ٱلۡعَذَابِ قَلِيلًاۚ إِنَّكُمۡ عَآئِدُونَ ١٥Nokorε sε, Ye’beyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu يَوۡمَ نَبۡطِشُ ٱلۡبَطۡشَةَ ٱلۡكُبۡرَىٰٓ إِنَّا مُنتَقِمُونَ ١٦Ɛda a Yε’bεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yε’betua wͻn bͻne no so ka ۞ وَلَقَدۡ فَتَنَّا قَبۡلَهُمۡ قَوۡمَ فِرۡعَوۡنَ وَجَآءَهُمۡ رَسُولٌ كَرِيمٌ ١٧Nokorε sε Yε’sͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no hwεe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ أَنۡ أَدُّوٓاْ إِلَيَّ عِبَادَ ٱللَّهِۖ إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٌ ١٨(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no mame“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo وَأَن لَّا تَعۡلُواْ عَلَى ٱللَّهِۖ إِنِّيٓ ءَاتِيكُم بِسُلۡطَٰنٍ مُّبِينٍ ١٩Na monhwε na moamma mohoso wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo وَإِنِّي عُذۡتُ بِرَبِّي وَرَبِّكُمۡ أَن تَرۡجُمُونِ ٢٠Mehwehwε ntwitwagyeε afiri me Wura nemo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monnsi me aboͻ nnku me وَإِن لَّمۡ تُؤۡمِنُواْ لِي فَٱعۡتَزِلُونِ ٢١Sε monnye me nni a monyae me komm فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنَّ هَٰٓؤُلَآءِ قَوۡمٌ مُّجۡرِمُونَ ٢٢Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ” فَأَسۡرِ بِعِبَادِي لَيۡلًا إِنَّكُم مُّتَّبَعُونَ ٢٣{Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo وَٱتۡرُكِ ٱلۡبَحۡرَ رَهۡوًاۖ إِنَّهُمۡ جُندٌ مُّغۡرَقُونَ ٢٤(Sε wone wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no Nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn كَمۡ تَرَكُواْ مِن جَنَّٰتٍ وَعُيُونٍ ٢٥Turo ne asutire dodoͻ sεn na wͻ’gyaaε وَزُرُوعٍ وَمَقَامٍ كَرِيمٍ ٢٦Ne mfuo ne adan pa وَنَعۡمَةٍ كَانُواْ فِيهَا فَٰكِهِينَ ٢٧Ne nnepa a na wͻn anigye ho no كَذَٰلِكَۖ وَأَوۡرَثۡنَٰهَا قَوۡمًا ءَاخَرِينَ ٢٨Saa na εteε. Yε’maa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu فَمَا بَكَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلسَّمَآءُ وَٱلۡأَرۡضُ وَمَا كَانُواْ مُنظَرِينَ ٢٩Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yamma wͻn berε وَلَقَدۡ نَجَّيۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ مِنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡمُهِينِ ٣٠Ampa sε Yε’gyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu مِن فِرۡعَوۡنَۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَالِيًا مِّنَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ ٣١(Yε’gyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho وَلَقَدِ ٱخۡتَرۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ عِلۡمٍ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ ٣٢Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so) وَءَاتَيۡنَٰهُم مِّنَ ٱلۡأٓيَٰتِ مَا فِيهِ بَلَٰٓؤٌاْ مُّبِينٌ ٣٣Yε’maa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ لَيَقُولُونَ ٣٤Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Qurashfoͻ) yi ka sε إِنۡ هِيَ إِلَّا مَوۡتَتُنَا ٱلۡأُولَىٰ وَمَا نَحۡنُ بِمُنشَرِينَ ٣٥“Ɛno ara ne yewuo a edi kan no, na yennyane yεn mfri owuo mu bio فَأۡتُواْ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ ٣٦Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afri owuo mu bio a) εneε momfa y’agya nom (a wͻn awuo no) mmra” أَهُمۡ خَيۡرٌ أَمۡ قَوۡمُ تُبَّعٍ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ مُجۡرِمِينَ ٣٧Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan noa? Yε’sεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻ’yε abͻneεfoͻ وَمَا خَلَقۡنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا لَٰعِبِينَ ٣٨Ɛnnyε agodie nti na Yε’bͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no مَا خَلَقۡنَٰهُمَآ إِلَّا بِٱلۡحَقِّ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ ٣٩Y’ammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim إِنَّ يَوۡمَ ٱلۡفَصۡلِ مِيقَٰتُهُمۡ أَجۡمَعِينَ ٤٠Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yahyε ama wͻn nyinaa يَوۡمَ لَا يُغۡنِي مَوۡلًى عَن مَّوۡلًى شَيۡـًٔا وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ ٤١(Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻ’nnya mmoa nso إِلَّا مَن رَّحِمَ ٱللَّهُۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ ٤٢Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no إِنَّ شَجَرَتَ ٱلزَّقُّومِ ٤٣Nokorε sε, dua Zaquum طَعَامُ ٱلۡأَثِيمِ ٤٤Yε abͻneεfoͻ no aduane كَٱلۡمُهۡلِ يَغۡلِي فِي ٱلۡبُطُونِ ٤٥Ɛtesε yaawa a yanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu كَغَلۡيِ ٱلۡحَمِيمِ ٤٦Tesε nsuo hyeε a εrehuro خُذُوهُ فَٱعۡتِلُوهُ إِلَىٰ سَوَآءِ ٱلۡجَحِيمِ ٤٧(Yε’bεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii ثُمَّ صُبُّواْ فَوۡقَ رَأۡسِهِۦ مِنۡ عَذَابِ ٱلۡحَمِيمِ ٤٨Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so ذُقۡ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡكَرِيمُ ٤٩“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no إِنَّ هَٰذَا مَا كُنتُم بِهِۦ تَمۡتَرُونَ ٥٠Nokorε sε woi na na moadwen nnsi pi wͻ ho no إِنَّ ٱلۡمُتَّقِينَ فِي مَقَامٍ أَمِينٍ ٥١Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ فِي جَنَّٰتٍ وَعُيُونٍ ٥٢Wͻ Aheman ne nsubͻnten mu يَلۡبَسُونَ مِن سُندُسٍ وَإِسۡتَبۡرَقٍ مُّتَقَٰبِلِينَ ٥٣Wͻ’firafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim كَذَٰلِكَ وَزَوَّجۡنَٰهُم بِحُورٍ عِينٍ ٥٤Saa (na εbεyε). Na Yε’de mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho يَدۡعُونَ فِيهَا بِكُلِّ فَٰكِهَةٍ ءَامِنِينَ ٥٥Wͻ’de ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻ’pε) لَا يَذُوقُونَ فِيهَا ٱلۡمَوۡتَ إِلَّا ٱلۡمَوۡتَةَ ٱلۡأُولَىٰۖ وَوَقَىٰهُمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ ٥٦Wͻ’nnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu فَضۡلًا مِّن رَّبِّكَۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ ٥٧(Woi yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no فَإِنَّمَا يَسَّرۡنَٰهُ بِلِسَانِكَ لَعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ ٥٨Ampa sε Y’ama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻ’bεkaeε فَٱرۡتَقِبۡ إِنَّهُم مُّرۡتَقِبُونَ ٥٩Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.