Millat al-Islam

Chapter 104 · 9 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Al-Humaza in Twi

Arabic with tafsir Listen to Surah Al-Humaza (1273 reciters)
Meccanسورة الهمزة9 verses

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

وَيۡلٌ لِّكُلِّ هُمَزَةٍ لُّمَزَةٍ ١Due nka (onipa) biara a, odi nsekuro, yε wetεkyerε, ka nkyisεm ٱلَّذِي جَمَعَ مَالًا وَعَدَّدَهُۥ ٢Saa (nipa) no a, waboa sika ano agu hͻ na ͻkan (na ͻnnfa bi nnyε Nyame adwuma no) يَحۡسَبُ أَنَّ مَالَهُۥٓ أَخۡلَدَهُۥ ٣Ɔdwen sε ne sika no bεma no atena ase afe bͻͻ كـَلَّاۖ لَيُنۢبَذَنَّ فِي ٱلۡحُطَمَةِ ٤Daabi da, ampa sε yεbεto no ama no akͻhwe Deε ebubu (biribiara) pasaa no mu وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا ٱلۡحُطَمَةُ ٥Na εdeεn na εbεkyerε wo Deε ebubu (biribiara) pasaa no نَارُ ٱللَّهِ ٱلۡمُوقَدَةُ ٦(Ɛyε) Onyankopͻn (abufuhyeε) gya bi a y’asͻ ano paa ٱلَّتِي تَطَّلِعُ عَلَى ٱلۡأَفۡـِٔدَةِ ٧A, epue wͻ (onipa) akoma mu إِنَّهَا عَلَيۡهِم مُّؤۡصَدَةٌ ٨Nokorε sε yεde (saa gya no) bεkata wͻn so atwa ahyia فِي عَمَدٍ مُّمَدَّدَةِۭ ٩(Agu wͻn mpokyerε amantam wͻn) wͻ adum akεseε a εtrε bi mu

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.