بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
الٓمٓ ١Alif – Laam – Miim تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ لَا رَيۡبَ فِيهِ مِن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ٢Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۚ بَلۡ هُوَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ لِتُنذِرَ قَوۡمًا مَّآ أَتَىٰهُم مِّن نَّذِيرٍ مِّن قَبۡلِكَ لَعَلَّهُمۡ يَهۡتَدُونَ ٣Anaasε wͻ’ka sε, w’abͻ netrim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻ’benya kwan kyerε ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا فِي سِتَّةِ أَيَّامٍ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ مَا لَكُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَلِيٍّ وَلَا شَفِيعٍۚ أَفَلَا تَتَذَكَّرُونَ ٤Nyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ يَعۡرُجُ إِلَيۡهِ فِي يَوۡمٍ كَانَ مِقۡدَارُهُۥٓ أَلۡفَ سَنَةٍ مِّمَّا تَعُدُّونَ ٥Ɔyε ntotoeε no fri soro deba asaase so; afei na εde dakoro a nensusueε bεyε mfie apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Nehͻ ذَٰلِكَ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ ٦Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no ٱلَّذِيٓ أَحۡسَنَ كُلَّ شَيۡءٍ خَلَقَهُۥۖ وَبَدَأَ خَلۡقَ ٱلۡإِنسَٰنِ مِن طِينٍ ٧(Otumfoᴐ) no a Ɔbͻͻ biribiara yie; na Ɔde nεteε na εhyεε onipa mmͻeε aseε ثُمَّ جَعَلَ نَسۡلَهُۥ مِن سُلَٰلَةٍ مِّن مَّآءٍ مَّهِينٍ ٨Afei n’asefoͻ no nso Oyii wͻn fri nsuo a yebu no animtia mu ثُمَّ سَوَّىٰهُ وَنَفَخَ فِيهِ مِن رُّوحِهِۦۖ وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَۚ قَلِيلًا مَّا تَشۡكُرُونَ ٩Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mode) te asεm, ne (ani a mode) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mode da (no) aseε وَقَالُوٓاْ أَءِذَا ضَلَلۡنَا فِي ٱلۡأَرۡضِ أَءِنَّا لَفِي خَلۡقٍ جَدِيدِۭۚ بَلۡ هُم بِلِقَآءِ رَبِّهِمۡ كَٰفِرُونَ ١٠Deԑ wͻ’ka nesε: “(Enti sε yewu) na yεyera wͻ asaase mu a yε’bεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni ۞ قُلۡ يَتَوَفَّىٰكُم مَّلَكُ ٱلۡمَوۡتِ ٱلَّذِي وُكِّلَ بِكُمۡ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ تُرۡجَعُونَ ١١Ka sε: “Soro abͻfoͻ agyenkwa a ͻhwε mo soͻ no beyi monkwa. Afei mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ” وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلۡمُجۡرِمُونَ نَاكِسُواْ رُءُوسِهِمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ رَبَّنَآ أَبۡصَرۡنَا وَسَمِعۡنَا فَٱرۡجِعۡنَا نَعۡمَلۡ صَٰلِحًا إِنَّا مُوقِنُونَ ١٢Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Ye’Wura afei deε y’ahunu na y’ate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkodi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) y’agye adi paa.” وَلَوۡ شِئۡنَا لَأٓتَيۡنَا كُلَّ نَفۡسٍ هُدَىٰهَا وَلَٰكِنۡ حَقَّ ٱلۡقَوۡلُ مِنِّي لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنَ ٱلۡجِنَّةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ ١٣Sε Yε’pε a anka Yε’de onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Mehͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma فَذُوقُواْ بِمَا نَسِيتُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَآ إِنَّا نَسِينَٰكُمۡۖ وَذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ١٤Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mowerε frii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε’werε befri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.” إِنَّمَا يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِّرُواْ بِهَا خَرُّواْۤ سُجَّدًاۤ وَسَبَّحُواْ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ ۩ ١٥Wͻn a wͻ’gye Yε’nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε’nsεm no tu wͻn fo a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻ’bͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻ’nnyε ahomasoͻ تَتَجَافَىٰ جُنُوبُهُمۡ عَنِ ٱلۡمَضَاجِعِ يَدۡعُونَ رَبَّهُمۡ خَوۡفًا وَطَمَعًا وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ ١٦(Nyankopͻn ho dͻ nti wͻ’sͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻ’sufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yε’de ama wͻn no nso wͻ’yi mu bi dema فَلَا تَعۡلَمُ نَفۡسٌ مَّآ أُخۡفِيَ لَهُم مِّن قُرَّةِ أَعۡيُنٍ جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ١٧Ɔkra biara nnim anigyedeε a yεde asie ama wͻn; εyε dwumadi (pa) a na wͻn die no ho akatua أَفَمَن كَانَ مُؤۡمِنًا كَمَن كَانَ فَاسِقًاۚ لَّا يَسۡتَوُۥنَ ١٨Enti obi a ͻyε gyidieni ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻ’nnyε pε أَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَلَهُمۡ جَنَّٰتُ ٱلۡمَأۡوَىٰ نُزُلَۢا بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ١٩Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no deε wͻ’benya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻ’dieε no nti وَأَمَّا ٱلَّذِينَ فَسَقُواْ فَمَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُۖ كُلَّمَآ أَرَادُوٓاْ أَن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَآ أُعِيدُواْ فِيهَا وَقِيلَ لَهُمۡ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلنَّارِ ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ ٢٠Wͻn nso a wͻ’bͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻ’bεpεsε wͻ’fri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atͻrͻsεm no nhwε “ وَلَنُذِيقَنَّهُم مِّنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَدۡنَىٰ دُونَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَكۡبَرِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ ٢١Nokorε sε Yε’bεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu) وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن ذُكِّرَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦ ثُمَّ أَعۡرَضَ عَنۡهَآۚ إِنَّا مِنَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ مُنتَقِمُونَ ٢٢Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe neho fri ho? Nokorε sε Yε’betua abͻneεfoͻ no so ka وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَلَا تَكُن فِي مِرۡيَةٍ مِّن لِّقَآئِهِۦۖ وَجَعَلۡنَٰهُ هُدًى لِّبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٢٣Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, enti εmma w’andwen nnyε wo ntanta wͻ Nenhyiamu no ho; na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma وَجَعَلۡنَا مِنۡهُمۡ أَئِمَّةً يَهۡدُونَ بِأَمۡرِنَا لَمَّا صَبَرُواْۖ وَكَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يُوقِنُونَ ٢٤Yε’yεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻ’de Ya’hyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻ’nyaeε ho nti, na wͻ’gye Yε’nsεm no di إِنَّ رَبَّكَ هُوَ يَفۡصِلُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ ٢٥Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho أَوَلَمۡ يَهۡدِ لَهُمۡ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا مِن قَبۡلِهِم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ يَمۡشُونَ فِي مَسَٰكِنِهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٍۚ أَفَلَا يَسۡمَعُونَ ٢٦Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn a wͻ’nenam wͻn atenaeε no, εnnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻ’nte anaa أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا نَسُوقُ ٱلۡمَآءَ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡجُرُزِ فَنُخۡرِجُ بِهِۦ زَرۡعًا تَأۡكُلُ مِنۡهُ أَنۡعَٰمُهُمۡ وَأَنفُسُهُمۡۚ أَفَلَا يُبۡصِرُونَ ٢٧Anaasε wͻ’nhunuu sε Yεn na Yepia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yε’de ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wͻ’nhunu anaa وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡفَتۡحُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ ٢٨Deε wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?” قُلۡ يَوۡمَ ٱلۡفَتۡحِ لَا يَنفَعُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِيمَٰنُهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ ٢٩Kasε: Nkonimdie da no, wͻn a wͻ’annye annie no gyidie ho mma mfasoͻ mma wͻn, na yεmma wͻn εberε nso فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ وَٱنتَظِرۡ إِنَّهُم مُّنتَظِرُونَ ٣٠Enti twe wo ho fri wͻn ho na twεn, nokorε sε wͻn (nso) retwεn