Millat al-Islam

Chapter 40 · 85 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Ghafir in Twi

Arabic with tafsir Listen to Surah Ghafir (1245 reciters)
Meccanسورة غافر85 verses

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

حمٓ ١Haa Miim تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ ٢Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Onyankopͻn Tumfoͻ Nimdefoͻ no hͻ غَافِرِ ٱلذَّنۢبِ وَقَابِلِ ٱلتَّوۡبِ شَدِيدِ ٱلۡعِقَابِ ذِي ٱلطَّوۡلِۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ إِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ ٣(Otumfoͻ) Bͻnefakyε Hene no, (Otumfoͻ a) Otie Adwensakra, (Otumfoͻ a) N’asotwee ano yε den, (Otumfoͻ a) Ɔwͻ Adom ma no borosoͻ. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Nehͻ na (biribiara) bεsan akͻ مَا يُجَٰدِلُ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ إِلَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَلَا يَغۡرُرۡكَ تَقَلُّبُهُمۡ فِي ٱلۡبِلَٰدِ ٤Obiara nnye Onyankopͻn Nsεm no ho akyinnye gyesε wͻn a wͻ’yi boniayε no, enti (Nkͻmhyεni) εmma wͻn akͻneaba (anaa tumi) a wͻ’di no wͻ asaase soͻ no nnaadaa wo كَذَّبَتۡ قَبۡلَهُمۡ قَوۡمُ نُوحٍ وَٱلۡأَحۡزَابُ مِنۢ بَعۡدِهِمۡۖ وَهَمَّتۡ كُلُّ أُمَّةِۭ بِرَسُولِهِمۡ لِيَأۡخُذُوهُۖ وَجَٰدَلُواْ بِٱلۡبَٰطِلِ لِيُدۡحِضُواْ بِهِ ٱلۡحَقَّ فَأَخَذۡتُهُمۡۖ فَكَيۡفَ كَانَ عِقَابِ ٥Noa nkorͻfoͻ a wͻ’dii (Quraishfoͻ) anim kan, ne mmusua-kuo a wͻ’baa (Noa) nom akyire no faa (wͻn asomafoͻ nsεm no) atorͻsεm. Amanfoͻ no mu biara bͻͻ wͻn somafoͻ no ho pͻ sεdeε wͻ’bεsͻ ne mu; wͻ’de nkontompo gyee akyinnye sεdeε wͻ’de begu nokorε no. Enti Yε’sͻͻ wͻn mu. Sεdeε M’awerεtͻ (huu) siteε وَكَذَٰلِكَ حَقَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ عَلَى ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَنَّهُمۡ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ ٦Saa ara na wo Wura Nyankopͻn asεm no yεε nokorε tiaa wͻn a wͻ’yii boniayε no, nokorε sԑ wͻ’yε amanehunu gya no mu nnipa ٱلَّذِينَ يَحۡمِلُونَ ٱلۡعَرۡشَ وَمَنۡ حَوۡلَهُۥ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَيُؤۡمِنُونَ بِهِۦ وَيَسۡتَغۡفِرُونَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْۖ رَبَّنَا وَسِعۡتَ كُلَّ شَيۡءٍ رَّحۡمَةً وَعِلۡمًا فَٱغۡفِرۡ لِلَّذِينَ تَابُواْ وَٱتَّبَعُواْ سَبِيلَكَ وَقِهِمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ ٧(Abᴐfoᴐ) a wͻ’so Tumi Ahennwa no, ne wͻn a wͻn wͻ ho no de wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Nenkamfoͻ yi no ayε, na wͻ’gye no di; na wͻ’srε bͻnefakyε ma wͻn a wͻ’agye adie no, sε: “Ye’Wura Nyankopͻn a W’ahummͻborͻ ne Wo nimdeε duru biribiara soͻ, fa wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’nam Wo kwan no soͻ no bͻne kyε wͻn, na bͻ wͻn ho ban fri gya frama asotwee no mu رَبَّنَا وَأَدۡخِلۡهُمۡ جَنَّٰتِ عَدۡنٍ ٱلَّتِي وَعَدتَّهُمۡ وَمَن صَلَحَ مِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَأَزۡوَٰجِهِمۡ وَذُرِّيَّٰتِهِمۡۚ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ٨Ye’Wura Nyankopͻn, ma wͻ’ne wͻn agyanom mu wͻn a wͻ’yεε papa no, ne wͻn yerenom, ne wͻn asefoͻ nwura daadaa Aheman a W’ahyε wͻn ho bͻ no mu. Nokorε sε Wone Otumfoͻ no a Wotumi ade nyinaa yԑ, Onyansafoͻ no وَقِهِمُ ٱلسَّيِّـَٔاتِۚ وَمَن تَقِ ٱلسَّيِّـَٔاتِ يَوۡمَئِذٍ فَقَدۡ رَحِمۡتَهُۥۚ وَذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ ٩Na bͻ wͻn ho ban fri bͻne (biara) ho, na obia Wobεbͻ neho ban afri bͻne ho wͻ saa Da no deε, nokorε sε na W’ahu no mmͻbͻ. Na εno nso ne nkonimdie kεseε no إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يُنَادَوۡنَ لَمَقۡتُ ٱللَّهِ أَكۡبَرُ مِن مَّقۡتِكُمۡ أَنفُسَكُمۡ إِذۡ تُدۡعَوۡنَ إِلَى ٱلۡإِيمَٰنِ فَتَكۡفُرُونَ ١٠Nokorε sε (soro abͻfoͻ) bεfrε wͻn a wͻ’yii boniayε no (aka akyerε wͻn sε): “Ɛberε a na yεrefrε mo akͻ gyidie mu na moampε no, na Onyankopͻn abufuo kyεn moabufuo a mobo afu moho no قَالُواْ رَبَّنَآ أَمَتَّنَا ٱثۡنَتَيۡنِ وَأَحۡيَيۡتَنَا ٱثۡنَتَيۡنِ فَٱعۡتَرَفۡنَا بِذُنُوبِنَا فَهَلۡ إِلَىٰ خُرُوجٍ مِّن سَبِيلٍ ١١Wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, W’ama yawu awu prenu, εna W’ama yaba nkwa mu nso mprenu. Afei yaka yε’bͻne, enti εkwan bi wͻhͻ a yε’de bepue (afri saa amanehunu yi mu) ذَٰلِكُم بِأَنَّهُۥٓ إِذَا دُعِيَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُۥ كَفَرۡتُمۡ وَإِن يُشۡرَكۡ بِهِۦ تُؤۡمِنُواْۚ فَٱلۡحُكۡمُ لِلَّهِ ٱلۡعَلِيِّ ٱلۡكَبِيرِ ١٢(Mo asotwee no ase) ne sε: Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a monnye nni, nasε yεde biribi bata Neho a, εno deε mogye di. Enti atemmuo no deε εwͻ Nyankopͻn Kokroko, Ͻkεseε no (nko ara) هُوَ ٱلَّذِي يُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ وَيُنَزِّلُ لَكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ رِزۡقًاۚ وَمَا يَتَذَكَّرُ إِلَّا مَن يُنِيبُ ١٣Ɔno na Ɔda Nensεnkyerεnee no adi dekyerε mo, εna Osiane akͻnhoma fri soro ma mo. Obi a ͻdwen (saa nsεnkyerεnee yi ho na) ͻdetu neho foͻ ne obi a ͻdane ne ho kͻ (Nyankopͻn hͻ) فَٱدۡعُواْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡكَٰفِرُونَ ١٤Enti monsu mfrε Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, mfa moho nyinaa ma no, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a رَفِيعُ ٱلدَّرَجَٰتِ ذُو ٱلۡعَرۡشِ يُلۡقِي ٱلرُّوحَ مِنۡ أَمۡرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦ لِيُنذِرَ يَوۡمَ ٱلتَّلَاقِ ١٥Ɔkorͻn wͻ gyina berε, abodin ne suban biara mu, (Otumfoͻ) a Tumi Ahennwa no yε Nedea. Ɔma Honhom no (anaasε Adiyisεm no) ba N’akoa a Ɔpε so wͻ Netumi mu, sεdeε ͻbεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ fa Nhyiamu Da no ho يَوۡمَ هُم بَٰرِزُونَۖ لَا يَخۡفَىٰ عَلَى ٱللَّهِ مِنۡهُمۡ شَيۡءٌۚ لِّمَنِ ٱلۡمُلۡكُ ٱلۡيَوۡمَۖ لِلَّهِ ٱلۡوَٰحِدِ ٱلۡقَهَّارِ ١٦Ɛda no a wͻ’bepuepue (afri adaka-mena mu) no, deε εfa wͻn ho no mu biara nni hͻ a esuma Nyankopͻn. Saa Da no tumi ne ahennie no yε hwan dea? Ɛwͻ Nyankopͻn Baako no, Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَىٰ كُلُّ نَفۡسِۭ بِمَا كَسَبَتۡۚ لَا ظُلۡمَ ٱلۡيَوۡمَۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ ١٧Saa Da no yεbetua deε ͻkra biara nyaeε so ka (pεpεpε). Asisie biara nnihͻ wͻ saa Da no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Neho yε hare paa wͻ akontabuo no mu وَأَنذِرۡهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡأٓزِفَةِ إِذِ ٱلۡقُلُوبُ لَدَى ٱلۡحَنَاجِرِ كَٰظِمِينَۚ مَا لِلظَّٰلِمِينَ مِنۡ حَمِيمٍ وَلَا شَفِيعٍ يُطَاعُ ١٨Bͻ wͻn kͻkͻ fa Ɛda a εrebεn no ho; εberε a akoma a awerԑhoᴐ ahyԑ no mma bεba abeduru onipa mene mu ama ahini wͻn. Abͻneεfoͻ no nnya yͻnkoͻ anaa otwitwagyefoͻ a ͻbetie (wͻn asεm no bi ama wͻn) يَعۡلَمُ خَآئِنَةَ ٱلۡأَعۡيُنِ وَمَا تُخۡفِي ٱلصُّدُورُ ١٩Nyankopͻn Nim hwammͻ a (onipa) ani die, ne deε (onipa) akoma desie (nyinaa) وَٱللَّهُ يَقۡضِي بِٱلۡحَقِّۖ وَٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ لَا يَقۡضُونَ بِشَيۡءٍۗ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ ٢٠Nyankopͻn na Ɔde nokorε bu atεn, aberε a wͻn (anyame) a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no ntumi mmu atεn biara. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔno na Ohu biribiara ۞ أَوَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ كَانُواْ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَانُواْ هُمۡ أَشَدَّ مِنۡهُمۡ قُوَّةً وَءَاثَارًا فِي ٱلۡأَرۡضِ فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُ بِذُنُوبِهِمۡ وَمَا كَانَ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِن وَاقٍ ٢١Anaasε wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn (Quraishfoͻ) yi (wͻ tumi ne ahoͻden ne nkwa tenten mu), wͻ’yεε nsεnkyerεnee (sisii aban tenten) wͻ asaase no so. Nanso Nyankopͻn de wͻn bͻne sͻͻ wͻn mu. Wͻ’annya obiara amma wammͻ wͻn ho ban wͻ Nyankopͻn nsam ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَانَت تَّأۡتِيهِمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَكَفَرُواْ فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُۚ إِنَّهُۥ قَوِيٌّ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ ٢٢(Wͻn asotwee no ase ne sε): Wͻn Asomafoͻ no de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso wᴐ’poe. Enti Nyankopͻn sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ, N’awerԑtᴐ nso ano yε den papaapa وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا مُوسَىٰ بِـَٔايَٰتِنَا وَسُلۡطَٰنٍ مُّبِينٍ ٢٣Ampa nso sε: “Yεde Yε’nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose – إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَهَٰمَٰنَ وَقَٰرُونَ فَقَالُواْ سَٰحِرٌ كَذَّابٌ ٢٤Maa no kͻͻ Farao ne Haamaan ne Qaarun (Kora) hͻ. Nanso asεm a wͻ’kaeε nesε: “Nkonyaayini, Nkontomponi “ فَلَمَّا جَآءَهُم بِٱلۡحَقِّ مِنۡ عِندِنَا قَالُواْ ٱقۡتُلُوٓاْ أَبۡنَآءَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ وَٱسۡتَحۡيُواْ نِسَآءَهُمۡۚ وَمَا كَيۡدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ إِلَّا فِي ضَلَٰلٍ ٢٥Ɛberε a ͻde Nokorε no a efri Yεn nkyεn brεε wͻn no wͻ’kaa sε: “Monkunkum wͻn a wͻ’agye adie aka neho no mma mmarima, na moma wͻn mmaa no ntena ase.” Nanso boniayεfoͻ no pͻ a wᴐ’bͻ deε εyε kwa وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ ذَرُونِيٓ أَقۡتُلۡ مُوسَىٰ وَلۡيَدۡعُ رَبَّهُۥٓۖ إِنِّيٓ أَخَافُ أَن يُبَدِّلَ دِينَكُمۡ أَوۡ أَن يُظۡهِرَ فِي ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡفَسَادَ ٢٦Farao kaa sε: “Monyae me ma menkum Mose na ͻnfrε ne Wura no (ma no mεgye no), efrisε mesuro sε anhwε a na w’abεsesa mosom no, anaasε obeyi nsεmmͻne adi wͻ asaase no so“ وَقَالَ مُوسَىٰٓ إِنِّي عُذۡتُ بِرَبِّي وَرَبِّكُم مِّن كُلِّ مُتَكَبِّرٍ لَّا يُؤۡمِنُ بِيَوۡمِ ٱلۡحِسَابِ ٢٧Mose kaa sε: “Nokorε sε mehwehwε ntwitwagyeε wͻ me Wura Nyankopͻn ne wo Wura Nyankopͻn no hͻ afri onipa biara a ͻyε ahomasoͻ na ͻnnye Akontabuo Da no nnie no ho وَقَالَ رَجُلٌ مُّؤۡمِنٌ مِّنۡ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ يَكۡتُمُ إِيمَٰنَهُۥٓ أَتَقۡتُلُونَ رَجُلًا أَن يَقُولَ رَبِّيَ ٱللَّهُ وَقَدۡ جَآءَكُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ مِن رَّبِّكُمۡۖ وَإِن يَكُ كَٰذِبًا فَعَلَيۡهِ كَذِبُهُۥۖ وَإِن يَكُ صَادِقًا يُصِبۡكُم بَعۡضُ ٱلَّذِي يَعِدُكُمۡۖ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَنۡ هُوَ مُسۡرِفٌ كَذَّابٌ ٢٨Ɔbarima gyidieni bi a ofri Farao nkorͻfoͻ no mu a ͻde ne gyidie no asuma kaa sε: “Mobekum onipa sε waka sε: “Me Wura ne Nyankopͻn nti, na ampa nso sε ͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo?” Sε ͻyԑ nkontomponi a, ne nkontompo no da ͻno ara neso, nasε ͻyε nokwafoͻ nso a, deε ͻrebͻ mo ho kͻkͻ no ho (asotwee) bi bεka mo. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ɔnkyerε obi a ͻyε nsεmͻnedifoͻ, nkontomponi no kwan يَٰقَوۡمِ لَكُمُ ٱلۡمُلۡكُ ٱلۡيَوۡمَ ظَٰهِرِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَمَن يَنصُرُنَا مِنۢ بَأۡسِ ٱللَّهِ إِن جَآءَنَاۚ قَالَ فِرۡعَوۡنُ مَآ أُرِيكُمۡ إِلَّا مَآ أَرَىٰ وَمَآ أَهۡدِيكُمۡ إِلَّا سَبِيلَ ٱلرَّشَادِ ٢٩Menkorͻfoͻ, εnnε deε ahennie no wͻ mo, mona modi asaase no soͻ. Enti sε Onyankopͻn asotwee no ba yεn so a hwan na ͻbεboa yεn? Farao kaa sε: “Deε mehunu (sε εyε no) na merekyerε mo, na ͻkwan a εtenee no na merekyerε mo وَقَالَ ٱلَّذِيٓ ءَامَنَ يَٰقَوۡمِ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُم مِّثۡلَ يَوۡمِ ٱلۡأَحۡزَابِ ٣٠Nea w’agye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε, mesuro mamo sε, (asotwee a εtoo) mmusua kuo no bi saa da no sεso (bεto mo) – مِثۡلَ دَأۡبِ قَوۡمِ نُوحٍ وَعَادٍ وَثَمُودَ وَٱلَّذِينَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡۚ وَمَا ٱللَّهُ يُرِيدُ ظُلۡمًا لِّلۡعِبَادِ ٣١Tesε deε εtoo Noa nkorͻfoͻ no ne Aad, ne Samuud, ne wͻn a wͻ’baa wͻ wͻn akyi no. Onyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma Nenkoa وَيَٰقَوۡمِ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ يَوۡمَ ٱلتَّنَادِ ٣٢Enti menkorͻfoͻ, medeε mesuro Afrεfrε (ne osuu) Da no mamo يَوۡمَ تُوَلُّونَ مُدۡبِرِينَ مَا لَكُم مِّنَ ٱللَّهِ مِنۡ عَاصِمٍۗ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٍ ٣٣Ɛda no a mobεdane moakyi adwanee no, monnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Na obi a Onyankopͻn ayera no no, onnya kwankyerεfoͻ وَلَقَدۡ جَآءَكُمۡ يُوسُفُ مِن قَبۡلُ بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا زِلۡتُمۡ فِي شَكٍّ مِّمَّا جَآءَكُم بِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَا هَلَكَ قُلۡتُمۡ لَن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ مِنۢ بَعۡدِهِۦ رَسُولًاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ مَنۡ هُوَ مُسۡرِفٌ مُّرۡتَابٌ ٣٤Ampa sε, Yosef dii kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo, na moadwen ansi mo pi da wͻ deε ͻde brεε mo no ho kͻpem sε owuiε; mokaa sε: ‘’Onyankopͻn nnsoma ͻsomafoͻ biara bio wͻ n’akyi’’. Saa ara na Nyankopͻn ma obia ͻyε nsεmmͻneni na n’adwen nnsi no pi (wͻ Onyankopͻn asεm ho no) yera ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ سُلۡطَٰنٍ أَتَىٰهُمۡۖ كَبُرَ مَقۡتًا عِندَ ٱللَّهِ وَعِندَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ يَطۡبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ قَلۡبِ مُتَكَبِّرٍ جَبَّارٍ ٣٥Wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε wͻ berε a wͻ’nni nyinasoͻ bi a yεde ama wͻn no, εyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua obia ͻyε ahomasoͻ tu neho no akoma ano وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ يَٰهَٰمَٰنُ ٱبۡنِ لِي صَرۡحًا لَّعَلِّيٓ أَبۡلُغُ ٱلۡأَسۡبَٰبَ ٣٦Farao kaa sε: ”Haamaan, si aban tenten mame sεdeε menya akwan أَسۡبَٰبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ فَأَطَّلِعَ إِلَىٰٓ إِلَٰهِ مُوسَىٰ وَإِنِّي لَأَظُنُّهُۥ كَٰذِبًاۚ وَكَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِفِرۡعَوۡنَ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ وَصُدَّ عَنِ ٱلسَّبِيلِۚ وَمَا كَيۡدُ فِرۡعَوۡنَ إِلَّا فِي تَبَابٍ ٣٧Akwan a εkͻ soro, na menkͻhwε Mose Nyankopͻn no, medeε medwen sε ͻyε ͻtorofo“. Saa ara na yεmaa Farao dwumadi bͻne yεε n’ani so fε na yεsii no kwan (frii ͻkwan pa no ho). Farao adwen bͻne no amfa mfasoͻ biara amma sε ͻsεeε (na εbaa nesoͻ) وَقَالَ ٱلَّذِيٓ ءَامَنَ يَٰقَوۡمِ ٱتَّبِعُونِ أَهۡدِكُمۡ سَبِيلَ ٱلرَّشَادِ ٣٨Nea wagye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni m’akyi na mεkyerε mo kwan akͻ kwan tenenee no so يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا مَتَٰعٌ وَإِنَّ ٱلۡأٓخِرَةَ هِيَ دَارُ ٱلۡقَرَارِ ٣٩Menkorͻfoͻ, nokorε sε, wiase asetena yi deε εyε anigyesεm bi kwa, na nokorε sε Daakye no ne asetena a εwͻ hͻ daa مَنۡ عَمِلَ سَيِّئَةً فَلَا يُجۡزَىٰٓ إِلَّا مِثۡلَهَاۖ وَمَنۡ عَمِلَ صَٰلِحًا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٌ فَأُوْلَٰٓئِكَ يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ يُرۡزَقُونَ فِيهَا بِغَيۡرِ حِسَابٍ ٤٠Obia obedi dwuma bͻne bi no, nesεso so akatua pεpεεpε na yεde betua no ka; na obi a obedi dwuma pa no nso, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bεkͻ Soro aheman no mu no, yεbεbͻ wͻn akͻnhoma a enni ano ۞ وَيَٰقَوۡمِ مَا لِيٓ أَدۡعُوكُمۡ إِلَى ٱلنَّجَوٰةِ وَتَدۡعُونَنِيٓ إِلَى ٱلنَّارِ ٤١Menkorͻfoͻ, adεn na merefrε mo akͻ nkwagyeε mu na morefrε me akͻ egya mu تَدۡعُونَنِي لِأَكۡفُرَ بِٱللَّهِ وَأُشۡرِكَ بِهِۦ مَا لَيۡسَ لِي بِهِۦ عِلۡمٌ وَأَنَا۠ أَدۡعُوكُمۡ إِلَى ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡغَفَّٰرِ ٤٢Morefrε me sε menpo me Wura Nyankopͻn na menfa adeε a menni ho nimdeε mmata Neho, abrε nso a merefrε mo akͻ Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no hͻ لَا جَرَمَ أَنَّمَا تَدۡعُونَنِيٓ إِلَيۡهِ لَيۡسَ لَهُۥ دَعۡوَةٌ فِي ٱلدُّنۡيَا وَلَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ وَأَنَّ مَرَدَّنَآ إِلَى ٱللَّهِ وَأَنَّ ٱلۡمُسۡرِفِينَ هُمۡ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ ٤٣Akyinyeε biara nniho sε, deε morefrε me akͻ nehͻ no nniho kwan sε yesu frε no wͻ wiase ha anaasε Daakye. Yεn nnkyi ne Onyankopͻn hͻ. Nokorε sε, nsεmͻnedifoͻ no wᴐne egya no mu nnipa no فَسَتَذۡكُرُونَ مَآ أَقُولُ لَكُمۡۚ وَأُفَوِّضُ أَمۡرِيٓ إِلَى ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بَصِيرُۢ بِٱلۡعِبَادِ ٤٤Mobεkae deε mereka kyerε mo yi, na medeε mede mensεm ama Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn na Ohunu Nenkoa nom“ فَوَقَىٰهُ ٱللَّهُ سَيِّـَٔاتِ مَا مَكَرُواْۖ وَحَاقَ بِـَٔالِ فِرۡعَوۡنَ سُوٓءُ ٱلۡعَذَابِ ٤٥Enti Nyankopͻn gyee no frii εpͻ a wͻ’bͻ (tiaa no no) bͻne mu, na asotwee bͻne no twaa Farao nkorͻfoͻ no ho hyiae ٱلنَّارُ يُعۡرَضُونَ عَلَيۡهَا غُدُوًّا وَعَشِيًّاۚ وَيَوۡمَ تَقُومُ ٱلسَّاعَةُ أَدۡخِلُوٓاْ ءَالَ فِرۡعَوۡنَ أَشَدَّ ٱلۡعَذَابِ ٤٦Ye’de wͻn ba egya no anim anͻpa ne anyumerε (biara), na Da a dͻnhwere no besie no deε (yεbεka akyerε abͻfoͻ no sε): ” Monfa Farao nkorͻfoͻ no nkͻ asotwee a εyε den paa no mu وَإِذۡ يَتَحَآجُّونَ فِي ٱلنَّارِ فَيَقُولُ ٱلضُّعَفَٰٓؤُاْ لِلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا كُنَّا لَكُمۡ تَبَعًا فَهَلۡ أَنتُم مُّغۡنُونَ عَنَّا نَصِيبًا مِّنَ ٱلنَّارِ ٤٧Sε wͻ’regye wͻn ho akyinnye wͻ egya no mu a, wͻn a na wͻ’nni ahoͻden (wͻ wiase) no bεka akyerε wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε moakyi na yediiε. Enti montumi nyi egya no mu bi mfri yεn so? “ قَالَ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا كُلٌّ فِيهَآ إِنَّ ٱللَّهَ قَدۡ حَكَمَ بَيۡنَ ٱلۡعِبَادِ ٤٨Wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no bεka sε: “Nokorε sε yεn nyinaa wͻ (asotwee no) mu. Nokorε sε Onyankopͻn abu Nenkoa ntεm atεn (tenenee) وَقَالَ ٱلَّذِينَ فِي ٱلنَّارِ لِخَزَنَةِ جَهَنَّمَ ٱدۡعُواْ رَبَّكُمۡ يُخَفِّفۡ عَنَّا يَوۡمًا مِّنَ ٱلۡعَذَابِ ٤٩Wͻn a wͻn wͻ egya no mu no bεka akyerε egya no so hwεfoͻ no sε: “Monfrε mo Wura Nyankopͻn na ͻngo asotwee no mu kakra mma yεn nnε “ قَالُوٓاْ أَوَلَمۡ تَكُ تَأۡتِيكُمۡ رُسُلُكُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِۖ قَالُواْ بَلَىٰۚ قَالُواْ فَٱدۡعُواْۗ وَمَا دُعَٰٓؤُاْ ٱلۡكَٰفِرِينَ إِلَّا فِي ضَلَٰلٍ ٥٠Wͻ’bεka sε: ”Moasomafoͻ no amfa nkyerεkyerεmu pefee no ammrε mo?“ Wͻ’bεka sε: “Aane!” Wͻ’bεka sε, εneε monsu nfrε (obi a mopε). Boniayεfoͻ no sufrε deε εyε kwa إِنَّا لَنَنصُرُ رُسُلَنَا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَيَوۡمَ يَقُومُ ٱلۡأَشۡهَٰدُ ٥١Nokorε sε, Yε’bεboa Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻ’agye adie no ama wͻn adi nkonim wͻ wiase asetena yi mu, εne Ɛda a Adansefoͻ no begyina hͻ no يَوۡمَ لَا يَنفَعُ ٱلظَّٰلِمِينَ مَعۡذِرَتُهُمۡۖ وَلَهُمُ ٱللَّعۡنَةُ وَلَهُمۡ سُوٓءُ ٱلدَّارِ ٥٢Ɛda no a abͻneεfoͻ no kyεw pa ho mma mfasoͻ mma wͻn no; wͻn so na nnomee no wͻ, na wͻn wͻ asetena bͻne paa mu وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡهُدَىٰ وَأَوۡرَثۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱلۡكِتَٰبَ ٥٣Ampa sε Yε’de kwan kyerε no maa Mose, na Yε’maa Israel mma no dii Nwoma no akonnwa هُدًى وَذِكۡرَىٰ لِأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ ٥٤(Na Nwoma no) yε kwankyerε ne afutusεm dema nnipa mu mmadwemmafoͻ no فَٱصۡبِرۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقٌّ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لِذَنۢبِكَ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ بِٱلۡعَشِيِّ وَٱلۡإِبۡكَٰرِ ٥٥Enti si aboterε, nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na srε wo mfomsoͻ ho bͻnefakyε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na yi N’ayε wͻ anyumerε ne anͻpa إِنَّ ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ سُلۡطَٰنٍ أَتَىٰهُمۡ إِن فِي صُدُورِهِمۡ إِلَّا كِبۡرٌ مَّا هُم بِبَٰلِغِيهِۚ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ ٥٦Nokorε sε, wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε aberε a yεnfaa nyinasoͻ biara maa wͻn no, hwee nni wͻn akoma mu sε akεsesεm, nanso wͻ’nnya (deε wͻ’rehwehwε no). Enti hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε. Nokorε sε, Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara لَخَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ أَكۡبَرُ مِنۡ خَلۡقِ ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ ٥٧Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε no so kyεn nnipa mmͻeε nanso nnipa pii nnim وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡأَعۡمَىٰ وَٱلۡبَصِيرُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَلَا ٱلۡمُسِيٓءُۚ قَلِيلًا مَّا تَتَذَكَّرُونَ ٥٨Onifirani ne obia ohunu adeε nyε pε, εna wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ne abͻneεfoͻ no (nso nyε pε). (Nnipa mu) kakraabi na wͻ’dwen إِنَّ ٱلسَّاعَةَ لَأٓتِيَةٌ لَّا رَيۡبَ فِيهَا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يُؤۡمِنُونَ ٥٩Nokorε sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε biara nni ho, nanso nnipa pii nnye nni وَقَالَ رَبُّكُمُ ٱدۡعُونِيٓ أَسۡتَجِبۡ لَكُمۡۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَسۡتَكۡبِرُونَ عَنۡ عِبَادَتِي سَيَدۡخُلُونَ جَهَنَّمَ دَاخِرِينَ ٦٠Mo Wura Nyankopͻn kaa sε: ”Monsu mfrε Me na Mεgye mo so“. Nokorε sε wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ wͻ Mesom ho no deε wͻ’bewura bonsam gyem wͻ animguaseε mu ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشۡكُرُونَ ٦١Nyankopͻn na W’ayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (W’ayε) adekyeε nso (ama mo sεdeε mode) behunu adeε. Nokorε sε Onyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٍ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ ٦٢Woi ne mo Wura Nyankopͻn no, Adeε nyinaa Bͻfo no, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Na εhen na moredane moho korͻ yi كَذَٰلِكَ يُؤۡفَكُ ٱلَّذِينَ كَانُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ ٦٣Saa ara na wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee no dane wͻn ho (fri Nyankopͻn Nsεm no ho) ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ قَرَارًا وَٱلسَّمَآءَ بِنَآءً وَصَوَّرَكُمۡ فَأَحۡسَنَ صُوَرَكُمۡ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ فَتَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ٦٤Nyankopͻn na W’ayε asaase so asetena ama mo, εna (W’ayε) ͻsoro no nso (tesε εdan) nkurusoͻ, εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo fεfεεfε (anaasε ͻnwenee mo yie), εna Ɔde nnepa bͻ mo akͻnhoma. Woi ne mo Wura Nyankopͻn no. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no هُوَ ٱلۡحَيُّ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَٱدۡعُوهُ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَۗ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ٦٥Ɔne Ɔteasefoͻ no, awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Enti monfa nokorε ne ahobraseε nsu mfrε no mfa ͻsom ma no. Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no ۞ قُلۡ إِنِّي نُهِيتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَمَّا جَآءَنِيَ ٱلۡبَيِّنَٰتُ مِن رَّبِّي وَأُمِرۡتُ أَنۡ أُسۡلِمَ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ٦٦(Nkͻmhyεni) ka sε: ”Medeε yabra me sε mεsom adeε a mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ abrε a nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee fri me Wura Nyankopͻn hͻ aba me hͻ; na yahyε me sε memmrε me ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن تُرَابٍ ثُمَّ مِن نُّطۡفَةٍ ثُمَّ مِنۡ عَلَقَةٍ ثُمَّ يُخۡرِجُكُمۡ طِفۡلًا ثُمَّ لِتَبۡلُغُوٓاْ أَشُدَّكُمۡ ثُمَّ لِتَكُونُواْ شُيُوخًاۚ وَمِنكُم مَّن يُتَوَفَّىٰ مِن قَبۡلُۖ وَلِتَبۡلُغُوٓاْ أَجَلًا مُّسَمًّى وَلَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ ٦٧Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri mfuturo mu ansa na (Ɔreyi mo) afri ahobaeε nkwa boaa mu, ansa na (Ɔreyi mo) afri mogya a abͻ toa mu, εna afei Ɔmaa mo pue (fri mo maame nom yafunu mu a na moyε) nkͻdaa, ansa na moreyin aduru mompanin berε mu, na afei moabͻ nkͻkora (ne mmerewa) na momu bi nso dikan wu (wͻ aberε a wͻ’mmͻͻ nkͻkora anaa mmerewa) sεdeε mobeduru εberε a yahyε no, na mobεte aseε هُوَ ٱلَّذِي يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ فَإِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرًا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ ٦٨Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (abͻdeε a εwͻ nkwa) wuo. Enti sε Ɔhyehyε biribi a, deε Ɔka kyerε (adeε) no ne sε: Yε! na ayε أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ أَنَّىٰ يُصۡرَفُونَ ٦٩Wonhunuu wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn Nsεm no? Sεdeε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho) ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِٱلۡكِتَٰبِ وَبِمَآ أَرۡسَلۡنَا بِهِۦ رُسُلَنَاۖ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ ٧٠Wͻn a wͻ’nnye Nwoma no ne deε Yesiane demaa Y’asomafoͻ no nnie no, sε εteε biara no wͻ’behunu إِذِ ٱلۡأَغۡلَٰلُ فِيٓ أَعۡنَٰقِهِمۡ وَٱلسَّلَٰسِلُ يُسۡحَبُونَ ٧١Ɛberε a dadewεnfoͻ ne dadeε nkͻnsͻnkͻnsͻn begu wͻn kͻn mu no, yεbεtwe wͻn ase akͻ فِي ٱلۡحَمِيمِ ثُمَّ فِي ٱلنَّارِ يُسۡجَرُونَ ٧٢Nsuo hyeε mu, na afei yakͻhye wͻn wͻ egya no mu ثُمَّ قِيلَ لَهُمۡ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡ تُشۡرِكُونَ ٧٣Afei yεbebisa wͻn sε: ”Deε mode bataa (Nyankopͻn) ho no wͻ hen مِن دُونِ ٱللَّهِۖ قَالُواْ ضَلُّواْ عَنَّا بَل لَّمۡ نَكُن نَّدۡعُواْ مِن قَبۡلُ شَيۡـًٔاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ ٱلۡكَٰفِرِينَ ٧٤(Deε) mofri Nyankopͻn akyi no?” Wͻ’bεka sε wͻn ayera afri yεn ho kͻ; daabi, kane no na yensu nfrε biribiara. Saa ara na Nyankopͻn yera boniayεfoͻ no ذَٰلِكُم بِمَا كُنتُمۡ تَفۡرَحُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَبِمَا كُنتُمۡ تَمۡرَحُونَ ٧٥Ɛne sε, modii ahurusie wͻ asaase no so a εnyε ne kwan soͻ, na afei momaa moho so ٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ ٧٦Monwura Amanehunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ. Efie bͻne paa ne wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no fie فَٱصۡبِرۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقٌّۚ فَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا يُرۡجَعُونَ ٧٧Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε. Enti sε Yε’de deε yεde ahyε wͻn bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yε’bεma wo awuo, Yεn hͻ na wͻ’bεsan aba وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا رُسُلًا مِّن قَبۡلِكَ مِنۡهُم مَّن قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ وَمِنۡهُم مَّن لَّمۡ نَقۡصُصۡ عَلَيۡكَۗ وَمَا كَانَ لِرَسُولٍ أَن يَأۡتِيَ بِـَٔايَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ فَإِذَا جَآءَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قُضِيَ بِٱلۡحَقِّ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ ٧٨Ampa sε Yε’somaa asomafoͻ dii w’anim kan; wͻn mu bi wͻhͻ a Y’aka wͻn ho abakᴐsεm akyerε woͻ, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a Yε’nkaa wͻn ho abakᴐsεm nkyerεε wo. Na εmma sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan. Enti sε Nyankopͻn ahyεdeε no ba a, nokorε no na yεde bebu atεn, na εhͻ no wͻn a wͻ’dii atorͻsεm akyi no abrε agu ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَنۡعَٰمَ لِتَرۡكَبُواْ مِنۡهَا وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ ٧٩Onyankopͻn na W’ayε nyεmmoa ama mo sεdeε mobεtena wͻn mu bi soᴐ, na wͻn mu bi nso moawe wͻn (nnam) وَلَكُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ وَلِتَبۡلُغُواْ عَلَيۡهَا حَاجَةً فِي صُدُورِكُمۡ وَعَلَيۡهَا وَعَلَى ٱلۡفُلۡكِ تُحۡمَلُونَ ٨٠Monya mfasoͻ (pii) nso fri wͻn so, sεdeε mobεtena wͻn so afa wͻn so aduru mobotaeε a εwͻ moakoma mu, εna nsuo mu hyεn nso a motena mu وَيُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ فَأَيَّ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ تُنكِرُونَ ٨١Ɔrekyerε mo Nensεkyerεnee. Enti Onyankopͻn nsεnkyerεnee no mu deε εwͻ hen na mompε أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَانُوٓاْ أَكۡثَرَ مِنۡهُمۡ وَأَشَدَّ قُوَّةً وَءَاثَارًا فِي ٱلۡأَرۡضِ فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ ٨٢Anaasε wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwεε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻ’dͻͻso kyεn wͻn, na wͻn ho nso yε den kyεn wͻn, (wͻ’yεε) nsεnkyerεne-deε (pii) wͻ asaase no so. Nanso deε wͻn nsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn فَلَمَّا جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَرِحُواْ بِمَا عِندَهُم مِّنَ ٱلۡعِلۡمِ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ ٨٣Ԑberε a wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn no, wͻn ani gyee nimdeε a na wͻn wͻ no ho, na deε wͻ’dii ho fεw no twaa wͻn ho hyiae فَلَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَا قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَحۡدَهُۥ وَكَفَرۡنَا بِمَا كُنَّا بِهِۦ مُشۡرِكِينَ ٨٤Ɛberε a wͻ’hunuu Y’asotwee no, wͻ’kaa sε: “Y’agye Onyankopͻn nko ara adi, na y’apo deε yεde bata Neho no “ فَلَمۡ يَكُ يَنفَعُهُمۡ إِيمَٰنُهُمۡ لَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَاۖ سُنَّتَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ فِي عِبَادِهِۦۖ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡكَٰفِرُونَ ٨٥Nanso wͻn gyidie no ho amma mfasoͻ amma wͻn wͻ εberε a wͻ’hunuu Y’asotwee no. (Saa na) Nyankopͻn kwan a w’atwa ato hͻ ama nenkoa no (siteε), na εhͻ deԑ na boniayεfoͻ no abrε agu

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.