ملة الإسلام

السورة 85 · 22 آية · Sheikh Haroun Ismaeel

سورة البروج باللغة التوي

السورة بالعربية مع التفسير استمع إلى سورة البروج (1,332 قارئاً)
مكيةسورة البروج٢٢ آية

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

وَٱلسَّمَآءِ ذَاتِ ٱلۡبُرُوجِ ١Mede ͻsoro a, ekuta Nsoromma akεseε وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡمَوۡعُودِ ٢Ne εda a yahyε ho bͻ no وَشَاهِدٍ وَمَشۡهُودٍ ٣Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε قُتِلَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأُخۡدُودِ ٤Due nka wͻn a wͻ’tuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn) ٱلنَّارِ ذَاتِ ٱلۡوَقُودِ ٥Wͻ ogya tanaa a, yasͻ ano mu no إِذۡ هُمۡ عَلَيۡهَا قُعُودٌ ٦Ɛberε a, na wͻ’te (ogya) no ho no وَهُمۡ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ شُهُودٌ ٧Wͻ’hunuu adeε a wͻ’de yεε agyidiefoͻ no وَمَا نَقَمُواْ مِنۡهُمۡ إِلَّآ أَن يُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَمِيدِ ٨Ɛnyε hwee ho nti na wͻ’hyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti ٱلَّذِي لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٍ شَهِيدٌ ٩(Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Nedea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε إِنَّ ٱلَّذِينَ فَتَنُواْ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ لَمۡ يَتُوبُواْ فَلَهُمۡ عَذَابُ جَهَنَّمَ وَلَهُمۡ عَذَابُ ٱلۡحَرِيقِ ١٠Wͻn a wͻ’tan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻ’benya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻ’san wͻ ͻhyeε asotwee إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ جَنَّٰتٌ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡكَبِيرُ ١١Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie, na wͻ’di dwuma pa no, wͻ’benya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no إِنَّ بَطۡشَ رَبِّكَ لَشَدِيدٌ ١٢Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa إِنَّهُۥ هُوَ يُبۡدِئُ وَيُعِيدُ ١٣Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلۡوَدُودُ ١٤Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no ذُو ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡمَجِيدُ ١٥(Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no فَعَّالٌ لِّمَا يُرِيدُ ١٦(Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε هَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلۡجُنُودِ ١٧(Nkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ فِرۡعَوۡنَ وَثَمُودَ ١٨(Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no) بَلِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي تَكۡذِيبٍ ١٩Nanso wͻn a wͻ’nnye nnie no guso po (Nokorε no) وَٱللَّهُ مِن وَرَآئِهِم مُّحِيطُۢ ٢٠Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia بَلۡ هُوَ قُرۡءَانٌ مَّجِيدٌ ٢١Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa فِي لَوۡحٍ مَّحۡفُوظِۭ ٢٢Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so

الترجمة: Sheikh Haroun Ismaeel.