ملة الإسلام

السورة 78 · 40 آية · Sheikh Haroun Ismaeel

سورة النبأ باللغة التوي

السورة بالعربية مع التفسير استمع إلى سورة النبأ (1,427 قارئاً)
مكيةسورة النبأ٤٠ آية

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

عَمَّ يَتَسَآءَلُونَ ١Ɛfa εdeεn ho na wͻ’rebisa wͻn ho wͻn ho no عَنِ ٱلنَّبَإِ ٱلۡعَظِيمِ ٢Ɛfa Amanebͻ (anaasε Asεm) kεseε no ho asεm no anaa ٱلَّذِي هُمۡ فِيهِ مُخۡتَلِفُونَ ٣Ɛno na wͻ’regye ho akyinnyeε no كـَلَّا سَيَعۡلَمُونَ ٤Nokorε sε wͻ’behunu ثُمَّ كـَلَّا سَيَعۡلَمُونَ ٥Nokorε bio sε wͻ’behunu أَلَمۡ نَجۡعَلِ ٱلۡأَرۡضَ مِهَٰدًا ٦Yεnfaa asaase nsεε hͻ ntrεε mu وَٱلۡجِبَالَ أَوۡتَادًا ٧Ɛna Y’ayε mmepͻ tesε epie de atintim soͻ وَخَلَقۡنَٰكُمۡ أَزۡوَٰجًا ٨Ɛna Y’abͻ mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) وَجَعَلۡنَا نَوۡمَكُمۡ سُبَاتًا ٩Ɛna Y’ayε monna no ahomegyeε (berε paa) وَجَعَلۡنَا ٱلَّيۡلَ لِبَاسًا ١٠Ɛna Y’ayε anadwo (sε) akatasoͻ (ama mo) وَجَعَلۡنَا ٱلنَّهَارَ مَعَاشًا ١١Ɛna Y’ayε adekyeε no (εberε a mode) hwehwε akͻnhoma وَبَنَيۡنَا فَوۡقَكُمۡ سَبۡعًا شِدَادًا ١٢Ɛna Y’asi ͻsoro nson a εyε den papaapa wͻ mo apampamu وَجَعَلۡنَا سِرَاجًا وَهَّاجًا ١٣Ɛna Y’ayε kanea a εhyerεn papaapa wͻ mu وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلۡمُعۡصِرَٰتِ مَآءً ثَجَّاجًا ١٤Ɛna Ye’siane nsuo firi mununkum no mu ma no bu soͻ لِّنُخۡرِجَ بِهِۦ حَبًّا وَنَبَاتًا ١٥Sεdeε Yε’de bεma nnuaba ne mfudeε afifire وَجَنَّٰتٍ أَلۡفَافًا ١٦Na turo mu nneεma nso bεka abͻmu yuu إِنَّ يَوۡمَ ٱلۡفَصۡلِ كَانَ مِيقَٰتًا ١٧Nokorε sε Asenni Da no yε εberε a y’ahyε ato hͻ يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِ فَتَأۡتُونَ أَفۡوَاجًا ١٨Ɛda a yε’bεbͻ Totorobεnto no mu no, mobεba no akuo-akuo وَفُتِحَتِ ٱلسَّمَآءُ فَكَانَتۡ أَبۡوَٰبًا ١٩Na ͻsoro bebue na ayε apono وَسُيِّرَتِ ٱلۡجِبَالُ فَكَانَتۡ سَرَابًا ٢٠Mmepͻ nso betutu afri hͻ na (asaase so) ayε sε kum-aforͻteε إِنَّ جَهَنَّمَ كَانَتۡ مِرۡصَادًا ٢١Nokorε sε, Amanehunu gya no tε baabi retwεn لِّلطَّٰغِينَ مَـَٔابًا ٢٢Ɛhͻ ne abͻneεfoͻ no nnkyi لَّٰبِثِينَ فِيهَآ أَحۡقَابًا ٢٣Wͻ’bεtena mu mfi tenten لَّا يَذُوقُونَ فِيهَا بَرۡدًا وَلَا شَرَابًا ٢٤Wͻ’nnya nnyunu wͻ hͻ, na wͻ’nnya anom deε biara nso nnka nnhwε إِلَّا حَمِيمًا وَغَسَّاقًا ٢٥Gyesε nsuo hyeε a aben papaapa ne ekuro mu nsuo (na wͻ’bεnom) جَزَآءً وِفَاقًا ٢٦Akatua a εfata (wͻn) ne no إِنَّهُمۡ كَانُواْ لَا يَرۡجُونَ حِسَابًا ٢٧Nokorε sε, na wͻ’nnsuro (wͻn dwumadi bͻne no ho) akontabuo no وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا كِذَّابًا ٢٨Wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm paa وَكُلَّ شَيۡءٍ أَحۡصَيۡنَٰهُ كِتَٰبًا ٢٩Biribiara nso y’atwerε ato hͻ wͻ Nwoma mu فَذُوقُواْ فَلَن نَّزِيدَكُمۡ إِلَّا عَذَابًا ٣٠Enti monka (modwumadi bͻne no so aba) nhwε, na Yε’mmfa hwee nka moho gyesε asotwee إِنَّ لِلۡمُتَّقِينَ مَفَازًا ٣١Nokorε sε, nkonimdie wͻ Nyame-surofoͻ no حَدَآئِقَ وَأَعۡنَٰبًا ٣٢(Wͻ’benya) Turo, ne bobe وَكَوَاعِبَ أَتۡرَابًا ٣٣Ɛne mmabaawa a wͻ’bͻ tipεn وَكَأۡسًا دِهَاقًا ٣٤Ne nkuruwa a yahyehyε no ma-ma لَّا يَسۡمَعُونَ فِيهَا لَغۡوًا وَلَا كِذَّٰبًا ٣٥Wͻ’nnte nsεm hunu anaa nkontomposεm biara wͻ hͻ جَزَآءً مِّن رَّبِّكَ عَطَآءً حِسَابًا ٣٦Akatua a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, εyε akyεdeε a εsom bo رَّبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا ٱلرَّحۡمَٰنِۖ لَا يَمۡلِكُونَ مِنۡهُ خِطَابًا ٣٧Ͻsoro ne Asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Ahummͻborͻ Hene no, obiara nni hᴐ a (obenya akokoᴐduro) sε ͻne no bεkasa يَوۡمَ يَقُومُ ٱلرُّوحُ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ صَفًّاۖ لَّا يَتَكَلَّمُونَ إِلَّا مَنۡ أَذِنَ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَقَالَ صَوَابًا ٣٨Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nnkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε ذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمُ ٱلۡحَقُّۖ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ مَـَٔابًا ٣٩Saa Da no yε nokorε, enti obi a ͻpε no, ͻnfa ne Wura Nyankopͻn hͻ nyε ne nnkyi إِنَّآ أَنذَرۡنَٰكُمۡ عَذَابًا قَرِيبًا يَوۡمَ يَنظُرُ ٱلۡمَرۡءُ مَا قَدَّمَتۡ يَدَاهُ وَيَقُولُ ٱلۡكَافِرُ يَٰلَيۡتَنِي كُنتُ تُرَٰبَۢا ٤٠Nokorε sε Yε’rebͻ mo kͻkͻ fa asotwee a abεn no ho. Ɛda a onipa behunu dwuma a nensa adi ato n’anim no, boniayεni no bεka sε: “Ɛkaa menkoa anka meyε mfuturo”

الترجمة: Sheikh Haroun Ismaeel.